Ɔkwan Atware Asuo
Ɔkwan atware asuo, [the path crosses the river]
Asuo atware ɔkwan, [the river crosses the path]
Ɔpanin ne hwan? [who is the elder?]
Ɔkwan atware asuo, [the path crosses the river]
Asuo atware ɔkwan, [the river crosses the path]
Ɔpanin ne hwan? [who is the elder?]
Yɛbɔɔ kwan yi kɔtoo asuo no. [we created the path, encountering the river]
Asuo yi firi tete. [this river is from ancient times]
Asuo yi firi ɔdomankoma ɔbɔadeɛ [this river is from The Beneficent Creator]
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ [The Beneficent One created a thing]
Bɔrebɔre bɔɔ adeɛ, [The Excavator created a thing]
Ɔbɔɔ deɛbɛn? [S/he created which thing]
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ; [The Beneficent One created a thing]
Bɔrebɔre bɔɔ adeɛ, [The Excavator created a thing]
Ɔbɔɔ ɛsɛn. [S/he created the court crier]
Ɔbɔɔ kyerɛma. [S/he created the drummer]
Ɔbɔɔ Ɔkyere Kwao Awua ba brafo titire [S/he created the chief executioner]
Ɔbrafo titire maakye oo, [chief executioner good morning]
Maakye, Ɔkɛseɛ. [good morning, great one]
Akokɔ bɔn anɔpa, [the rooster crows in the morning]
Akokɔ tua bɔn anɔpa nhemanhema. [the rooster crows early in the morning]
Meresua; momma menhu.
Meresua; momma menhu.
@kwasi, ayan a me nso, mepɛ pa ara nie.