Communiversity

Afrikan Liberation Institute => Spirituality => Topic started by: Ɔbenfo Ọbádélé on Sep 23, 2006, 02:04 PM

Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid28039
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Sep 23, 2006, 02:04 PM
Abosom ne Mmoatia Nnwom bi
                            Attached files  Abosom ne Mmoatia Nnwom bi.doc (https://www.abibitumi.com/wp-content/uploads/ppMigration/28039=5458-Abosom%20ne%20Mmoatia%20Nnwom%20bi.doc) (34 KB)
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid33253
Post by: AfrikanLady21 on Feb 04, 2009, 06:16 AM
this is very informative
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid33256
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Feb 04, 2009, 10:33 AM
I'm glad you find it so. Stay BlackNificent!

Obadele
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid34377
Post by: Zawadi on Apr 18, 2009, 04:23 AM
:)  Meda wo ase!  WowO Nana Esi Ketewaa nnwom bi anaa?
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid34380
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Apr 18, 2009, 01:33 PM
Aane, in tomorrow's workshop we'll cover at least two...:hello:

Kwame
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51918
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 01:50 PM
Ɔsansa, mmireku anyane o a ee!
Wɔanyane o, Akwasi
Mmaa, yɛn kunu ayɛ bi agu ee!
Kwasi nyane o!
Manyane o!
Ɔsansa, mmireku anyane o a ee!
Wɔanyane o Akwasi ee
Mmaa yɛn kunu ayɛ bi agu ee!
Akwasi nyane o
Manyane o!

 E wɔanyane o
Akwasi e
Ee, wɔanyane o
E wɔanyane o
Akwasi e
Ee, wɔanyane o

[Kite, Senegal Cuckoos have woken up
They have woken up Akwasi,
Women, our husband has become a has-been
Kwasi, wake up!
I've woken up!Kite, Senegal Cuckoos have woken up
They have woken up Akwasi,
Women, our husband has become a has-been
Kwasi, wake up!
I've woken up!

E they have woken up o
Akwasi e
Ee, they have woken up o
E they have woken up o
Akwasi e
Ee, they have woken up o]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51919
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 02:00 PM
Ɔkura sekamma e!
Ɔde kɔyɛ dɛn nie?
Ɔkura sekamma e!
Ɔde kɔdi awu.

Ɔkura sekamma e!
Wode kɔyɛ dɛn nie?
Asuo Gyebi! Wode kɔdi agorɔ o!
Ɔkura sekamma e!
Ɔde bɛyɛ dɛn nie?
Ɔboɔ mu hene! Ɔde kɔdi awu!Ɔkura sekamma e!
Wode kɔyɛ dɛn nie?
Asuo Gyebi wode kɔdi awu

[He holds a small knife
he uses it to go to what?
He holds a small knife!
He uses it to kill.

He holds a small knife
You'll use it to go do what?
Asuo Gyebi! You use it to go play!
He holds a small knife!
What will he use it for?
King inside the rocks! He takes to go kill!

He holds a small knife

he uses it to go to what?

Asuo Gyebi, you use it to kill.]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51920
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 02:02 PM
Asuo Gyebi, wowɔ nnuro!
Asuo Gyebi, wowɔ nnuro, nnuro nko ara!
Asuo Gyebi, wowɔ nnuro!
Asuo Gyebi, wowɔ nnuro, nnuro!
Asuo ee! Wowɔ nnuro e!
Asuo Gyebi ee! Wowɔ nnuro!  Nnuro nko ara!
Asuo ee! Wowɔ nnuro o!
Asuo Gyebi ee! Wo wɔ nnuro.

[Asuo Gyebi! You have medicines!
Asuo Gyebi! You have medicines! Medicines only!]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51921
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 02:14 PM
Yaw ee! Menya aba o!
Katakyie ee/Okumanini ee! Menya aba o!
Akrade o!  Brafo Kwasi
Obi a wayɛ adanse Fofie ee! Menya aba o! Akrade oYaw ee! Menya aba o!Katakyie ee/Okumanini ee! Menya aba o!
Akrade o!  Brafo Kwasi
Obi a wayɛ adanse Fofie ee! Menya aba o! Akrade o


[Yaw ee! I've come
Brave one (one who covers your back) ee/Killer of pythons (performer of valiant deeds) ee! I've come!
Akrade o (town name)! Executioner/traditional police Kwasi
Someone who has witnessed Sacred Friday ee! I've come! Akrade o! Yaw ee! I've come!Brave one (one who covers your back) ee/Killer of pythons (performer of valiant deeds) ee! I've come!
Akrade o (town name)! Executioner/traditional police Kwasi
Someone who has witnessed Sacred Friday ee! I've come! Akrade o! Yaw ee! I've come!]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51923
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 02:36 PM
Ee! Atia ee!
Ee! Atia ee! (or Ee aboatia (ntiantia) ne me)
Mefiri me boɔ yi m(u)//Mefiri me kwaeɛ yi mu
Nana (Asuo Gyebi) ba ne me ee!Ee me kwaeɛ mu
Ee mefiri me boɔ mu o

Ee me boɔ mu
Ee mefiri me boɔ mu

Ee! Atia ee! Ee! Aboatia ne me o.
Mefiri me boɔ yi mu o.
Nana (Asuo Gyebi) ba ne me o!
Ee! Me boɔ yi mu o!Ee! Mefiri me boɔ mu o!

Ee! Me kwaeɛ mu o!Ee! Mefiri me kwaeɛ mu o!


[Ee! Short one!
Ee! Short one ee! (or Ee aboatia (ntiantia) be me)
I'm from in my rocks//I'm from in my forest
Nana (Asuo Gyebi)'s child be me ee!
Ee in my forest
Ee I'm from in my rocks o
 Ee in my rocks
Ee I'm from in my rocks o
 Ee! Short one ee! Ee! Aboatia be me o.
I'm from in my rocks o.
Nana (Asuo Gyebi)'s child be me o!
Ee! In my rocks o!
Ee! I'm from in my rocks o!
 Ee! In my forest o!
Ee! I'm from in my forest o!]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51957
Post by: Agbede on Jun 16, 2012, 11:23 PM
Sɛ obi pɛ sɛ ɔto Abosom ne Mmoatia nnwom bi a, mmara no ne deɛn?
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid51959
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Jun 16, 2012, 11:46 PM
QuoteAkhu;51957 wrote: Sɛ obi pɛ sɛ ɔto Abosom ne Mmoatia nnwom bi a, mmara no ne deɛn?
Ɛho mmara nhyɛ da nyɛ adeɛ a ɛwɔ sɛ woyɛ nyankomadeɛ kɛseɛ bi ansa na woato nnwom no bi. Berɛ a mewɔ 'Bosomdan bi hɔ, ɛberɛ biara a wɔpɛ biara na wɔto nnwom. Sɛ ebia, yɛn nyinaa yɛte baabi na afei ɔkɔmfoɔ bɛfiri aseɛ ato nnwom bi. Nnwom bi wɔ hɔ a yɛto berɛ biara. Ebi nso wɔ hɔ a yɛtaa to wɔ akɔm bi ase. Sɛ ɔbosom pɔtee bi si obi so a, yɛbɛfiti aseɛ ato saa ɔbosom ne nnwom. Ɛne sɛ, yɛnto Nana Esi nnwom berɛ a Adade Kofi asi ɔkɔmfoɔ no so. Ɛno nko ara na yɛfa no sɛ ɛyɛ mmara bi. Afei nso, yɛnto saa nnwom yi ɛberɛ a, sɛbe, woregya wo nan anaasɛ ebia woregu nsuo (dwonsɔ) anaa woreyɛ adeɛ fi bi saa.
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid53259
Post by: Getyours on Aug 08, 2012, 10:37 PM
Hi,

When a saw the title of this thread I thought I want to know more about Abosom and Mmoatia and what in means from your point of view.

Abosom has the worth Boso as we from Suriname know as Bosu. Bosu means higher being and we will use Bosu often when we talk about water deities. We also use the worth Wenu. So when we talk about Watra mama ( mother of the water) We can call her Watra Wenu, Watra Bosu, Mama Tobosi. Sometimes when we see her she will show her self as a kaiman or alligator. Legends speak of mermaids.

The male form of this deity is called Bonsu, He shows him self as a marine officer.

Mmaotia when we speak of this deity a lot of us call it takru sani what means that it is evil.
Other worths that we use for this deity are Bakru, Biakuru, Buru,Burka, Gorehi, Buku,Gbaku,Sowlui.

Does the name Mmoatia origins from the Ashanti ?

Why do we call it evil, because people use it to harm each other using black magic.
But I don't know if we are talking about the same deities. But when I compare what the books
say then i think its the same. This deity shows its self as a little boy or girl.

The problem is several deities show them self like that, The one that we call A(m)puku also know as Nsambi-Ampungu and
Adumakama maybe the same as Odomankoma.

Ampuku Obia Talking

A song about Adumakama

We also know Akantasi Koro Who lives termite holow. This is a song about him

The Ampuku, The Adumakama and the Akantasi Koro we al call them Obia.

Ampuku Obia
Adumakama Obia
Akantasi Obia

We also know the Kromati Obia all of these deities are deities of there own and can be inherited from our (fore)parents.

I hope we can share, compare and learn from each other information.

Greets
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid53264
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Aug 09, 2012, 12:03 AM
@Getyours, to start with, you may find this: http://www.abibitumikasa.com/forums/akan-twi-language-resources/40706-time-circumstance-days-forty-kwasi-bempong-free-pdf.html?highlight=bempong (http://www.abibitumikasa.com/forums/akan-twi-language-resources/40706-time-circumstance-days-forty-kwasi-bempong-free-pdf.html?highlight=bempong) and this http://www.abibitumikasa.com/forums/Kmtyw-spiritual-systems/37474-Kmtyw-theology-k-bempong.html?highlight=bempong (http://www.abibitumikasa.com/forums/Kmtyw-spiritual-systems/37474-Kmtyw-theology-k-bempong.html?highlight=bempong) helpful. Especially in reference to the modern-day obsession with so-called "witches" and "black magic". Both words Abosom and Mmoatia are from the Akan language, of which Asante Twi is a part. Your Nsambi is likely Nzambi of the Bakongo people of Congo. Adumakama is most certainly Odomankoma. Mmoatia isn't a single "diety" but rather a class of spirits that are known as dwarfs that are specialists in the healing arts and live in forests and mountainous regions. You'll find similar stories of dwarfs among other Kmtyw people (erinlẹ̀ - Yoruba, Bes - Mdw Ntr). To me, these entities were/are one and the same as the Bambuti, Batwa, San, Khoi-Khoi, etc (so called pygmies and bushmen) who were either incorporated into the populations of refugee Kmtyw populations or wiped out (see references to Tolloy and Tellum people amongst the Dogon.
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid57636
Post by: Sannu on Sep 18, 2012, 03:44 AM
I enjoy learning more about Kmtyw spiritual systems the more I learn the more I realize I've been deceived
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid57703
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Sep 18, 2012, 11:41 AM
QuoteSannu;57636 wrote: I enjoy learning more about Kmtyw spiritual systems the more I learn the more I realize I've been deceived
Ɛyɛ me anigyeɛ sɛ yɛtumi boa wo wɔ saa kwan pa a woafa soɔ yi soɔ.
I'm glad we could assist you on this good path that you have taken.
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid64309
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Nov 16, 2012, 04:22 PM
Obi ba Kwame
 
A, Esi, Esi, Esi, Esi, Esi
Mmmm....
Yoo Esi, yoo Esi, yoo Esi
Mmmmm.....
Ɔparebea e
Yoo Esi!
Obi ba Kwame, Kwame o, me nua
Obi ba Kwame, Kwame o, deɛ bɛn o?
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
 
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
 
Obi ba Kwame Kwame ayooo!
Obi ba Kwame, Kwame ayeee!
Obi ba Kwame, Kwame ayooo!
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
Obi ba Kwame Kwame ayooo!
Obi ba Kwame, Kwame o, me nua
Obi ba Kwame, Kwame o, onua o
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
 
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
Obi ba Kwame Kwame ayeee!
Obi ba Kwame, Kwame ayeee!
Obi ba Kwame, Kwame ayooo!
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
Obi ba Kwame Kwame ayooo!
Obi ba Kwame, Kwame o, me nua
Obi ba Kwame, Kwame o, onua o
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
 
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
 
Obi ba Kwame Kwame ayeee!
Obi ba Kwame, Kwame ayeee!
Obi ba Kwame, Kwame ayooo!
Obi ba Kwame bɛkɔ nsuo a, ma me nsuo adeɛ
Obi ba Kwame bɛkɔ nnyina a, ma me nnyina adeɛ
Obi ba Kwame Kwame ayooo!

Someone’s child Kwame
 
A, Esi, Esi, Esi, Esi, Esi
Mmmm....
Yoo Esi, yoo Esi, yoo Esi
Mmmmm.....
Ɔparebea e
Yoo Esi!
Someone’s child Kwame, Kwame, my sibling
Someone’s child Kwame, Kwame, which thing?
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
Someone’s child Kwame, Kwame ayeee!
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
Someone’s child Kwame, Kwame, my sibling
Someone’s child Kwame, Kwame, sibling
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
Someone’s child Kwame, Kwame ayeee!
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
Someone’s child Kwame, Kwame, my sibling
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayeee!
Someone’s child Kwame, Kwame ayeee!
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!
If someone’s child Kwame will go for water, give me a thing of water
If someone’s child Kwame will go for firewood, give me a thing of firewood
Someone’s child Kwame, Kwame ayooo!

---------- Post added at 04:22 PM ---------- Previous post was at 04:02 PM ----------

Adwen nko, Nyansa nko

Asuo, adwen nko, nyansa nko
 
Asuo mayɛ m’adeɛ o,
Yee! Adwen nko, Nyansa nko
 
Adwen nko, Nyansa nko
Adwen nko o, Nyansa nko
Asuo mayɛ m’adeɛ o,
Adwen nko, Adwen nko, Nyansa nko
 
Asuo, adwen nko, nyansa nko
 
Asuo mayɛ m’adeɛ o,
Yee! Adwen nko, Nyansa nko
 
Adwen nko o, Nyansa nko

Thought is one thing, Wisdom is another
 
Asuo, thought is one thing, wisdom is another
Asuo, I’ve done my thing
Yee! Thought is one thing, Wisdom is another
Thought is one thing, wisdom is another
Thought is one thing, wisdom is another
Asuo, I’ve done  my thing
Thought is one thing, Thought is one thing, Wisdom is another
Asuo, thought is one thing, wisdom is another
Asuo, I’ve done  my thing
Yee! Thought is one thing, Wisdom is another
Thought is one thing, wisdom is another
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid65882
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Dec 01, 2012, 08:47 PM
Ɔtabira wɔ (ne) fafoɔ
 
Momma ɛnna hɔ ee, ɔfafoɔ mmɛfa o
Momma ɛnna hɔ, ɔfafo o
Anɔkye Komfo ee
Ɔtabira wɔ (ne) fafoɔ
          Momma ɛnna hɔ ee, ɔfafoɔ mmɛfa o
Momma ɛnna hɔ, ɔfafo o
Anɔkye Komfo ee
Ɔtabira wɔ (ne) fafoɔ

[Ɔtabira snail has it’s takers
 
Y’all let it lay there, the taker will take it
Y’all let it lay there, the taker
Ɔkɔmfoɔ Anɔkye
Ɔtabira snail has it’s takers
Y’all let it lay there, the taker will take it
Y’all let it lay there, the taker
Ɔkɔmfoɔ Anɔkye
Ɔtabira snail has it’s takers]

---------- Post added at 08:47 PM ---------- Previous post was at 08:43 PM ----------

Kanowa
 
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Na meka no wa!
Kanowa Kadeɛ
Meka no wa Kadeɛ yoo, yoo
Ɔbɔfoɔ Kanowa kum apempem
Saa akyi, 'bɛkum Asante, Kanowa
Ɔbɔfoɔ Kanowa kum apempem
Saa akyi, 'bɛkum Asante, Kanowa
Agya bi Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Na meka no wa Kadeɛ oo ee!
          Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
          Kanowa bɛkum apempempempem bɛkum Asante, Kanowa
          Yɛn wura Kanowa kum 'pempempempem bɛkum Asante, Kanowa
          Agya bi Kanowa
          Agya bi Kanowa
          Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Na meka no wa!
Kanowa Kadeɛ
Meka no wa bɔfoɔ, Kanowa
Ɔbɔfoɔ Kanowa kum apempem
Saa akyi, 'bɛkum Asante, Kanowa
Yɛn wura Kanowa kum apempem
Saa akyi, 'bɛkum Asante, Kanowa
Agya bi Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Sɛ biribi wɔ baabi a, na meka no wa!
          Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
          Kanowa bɛkum apempempempem bɛkum Asante, Kanowa
          Yɛn wura Kanowa kum 'pempempempem bɛkum Asante, Kanowa
          Agya bi Kanowa
          Agya bi Kanowa
          Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,

[Kanowa
 
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee,
I'll just say it like that!
Kanowa Kadeɛ
I just say it like that Kadeɛ yoo, yoo
The hunter Kanowa kills a million
After that, will kill Asante, Kanowa
The hunter Kanowa kills a million
After that, will kill Asante, Kanowa
A father Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
I just say it like that Kadeɛ oo ee!
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
The hunter Kanowa will kill millions of millions will kill Asante, Kanowa
Our owner Kanowa kills millions of millions
will kill Asante, Kanowa
A father Kanowa
A father Kanowa
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
And I just say it like that!
Kanowa Kadeɛ
I just say it like that, hunter, Kanowa
Hunter Kanowa kills a million
After that will kill Asante, Kanowa
Our owner Kanowa kills a million
After that will kill Asante, Kanowa
A father Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
If something is somewhere, I just say it like that!
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa aa ee
Kanowa will kill millions of millions will kill Asante, Kanowa
Our owner Kanowa kills millions of millions
will kill Asante, Kanowa
A father Kanowa
A father Kanowa
Kanowa aa ee,
Kanowa aa ee]
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid130731
Post by: mwashington on Nov 07, 2014, 11:32 AM
Receiving, giving, giving, receiving, all that lives is twin. Who would cast the spell of death, let him separate the two.
Title: Abosom ne Mmoatia Nnwom bi (Songs for Abosom and Mmoatia)-gctid130768
Post by: Ɔbenfo Ọbádélé on Nov 07, 2014, 01:10 PM
Quotemwashington;130731 wrote: Receiving, giving, giving, receiving, all that lives is twin. Who would cast the spell of death, let him separate the two.
I that same spirit, feel free to purchase the recording here: http://abibitumikasa.com/intensive-language-workshops-c-42_20_28_36/recording-akan-twi-workshop-ak%C9%94m-abosom-and-mmoatia-songs-p-277 (http://abibitumikasa.com/intensive-language-workshops-c-42_20_28_36/recording-akan-twi-workshop-ak%C9%94m-abosom-and-mmoatia-songs-p-277)