| Asante Kasamu Atitire (important sentences) | Akuapem Kasafua Atitire | borɔfokasa nkyerɛaseɛ (english translation) |
| Osuo tɔɔ ɔpɛpɔn mu anaa? | Osu tɔɔ ɔpɛpɔn mu ana? | Did it rain in January? |
| Osuo tɔ ɔgyefuo mu? | Osu tɔ ɔgyefuo mu? | Does it rain in February? |
| Ewiem yɛ hye ɔbɛnem mu? | Wim yɛ hyew ɔbɛnem mu ana? | Is the weather hot in March? |
| Mewoo me babarima Oforisuo mu | Mewoo me babarima Oforisuo mu | I gave birth to my son in April |
| Wɔfiri afahyɛ no ase Kɔtonimma da a ɛtɔ so aduonu-baako | Wofi afahyɛ no ase da a ɛto so aduonu-baako | They begin the festival on the 21st of May |
| Wɔbɛwie nhyiamu no Ayɛwohomumu da a ɛtɔ so aduasa | Wobewie nhyiam no Ayɛwohomumɔ da a ɛto so aduasa | They finish the meeting on June 30th |
| Wobɛfiri ha Kutawonsa da a ɛdi kan? | Wubefi ha Kitawonsa da a edi kan? | Will you leave on July 1st? |
| Awɔ ba ɔsannaa mu? | Awɔw ba ɔsannaa mu ana | Does the cold come in August? |
| Wɔbuee abosomdan foforɔ no ano ɛbɔ mu Kweurasiada a ɛtwa toɔ | Wobuee abosomdan foforo no ano ɛbɔ mu Kwasida a etwa to | They opened the new Abosom house in on the last Sunday in September |
| Wobɛsim ansa na Ahinime awu? | Wubesim ansa na Ahinime awu? | Will you set out before the end of October |
| Mɛsane akɔ Aburokyire Obubuo mu | Mɛsan akɔ Aburokyire Obubuo mu | I will return overseas in November |
| Nnua bi po wɔn nhaban ɔpɛnimma mu | Nnua bi po ɔpɛnimma mu | Some trees shed their leaves in December |
| Asante Kasamu Atitire (important sentences) | Akuapem Kasafua Atitire | borɔfokasa nkyerɛaseɛ (english translation) |
| ɔbaa ha nnaano Dwoada | ɔbaa ha nnaano Dwoda | S/he came here last Monday |
| ɔbɛsane aba ɛbenada a ɛreba yi | ɔbɛsan aba Beneda a ɛreba yi | S/he will come back next Tuesday |
| Wɔwoo wo Wukuada | Wɔwoo wo Wukuda | Were you born on a Wednesday |
| Wɔwoo me Yawoada, enti na wɔfrɛ me Yaw no | Wɔwoo me Yawda, enti na wɔfrɛ me Yaw no | I was born on a Thursday, that is why I am called Yaw |
| ɔba ha Fiada biara | ɔba ha Fida biara | S/he comes here every Friday |
| Wonkɔ adesuabeaeɛ Memeneda | Wonkɔ adesuabea Memeneda | They don’t go to school on Saturday |
| Akwasidɛɛ yɛ homeda | Akwasidae yɛ homeda | Sacred Sunday is a day of rest |
| Nna nwɔtwe na ɛyɛ nnawɔtwe | Nnafua awɔtwe na ɛyɛ dapɛn baako | Eight days make a week |
| Adwumayɛfoɔ kɔ adwuma firi Dwoada kɔsi Fiada | Adwumayɛfo kɔ adwuma fi Dwoda kɔpem Fida | Workers go to work from Monday to Friday |
| ɛduru Memeneda a, wɔboa wɔboa wɔn awofoɔ wɔ mfuom | Wɔne wɔn awofo kɔ afum Memeneda | They help their parents on the farm on Saturdays |
| Asante Kasamufa Atitire (important phrases) | Akuapem Kasamufa Atitire | borɔfokasa nkyerɛaseɛ (english translation) | |
| 1 | Dɔnko/Dɔnkoro | Dɔnkoro | One o’clock |
| 2 | Dɔnko abɔ apa ho simma mmienu | Dɔnkoro abɔ apa ho simma abien | 1:02 |
| 3 | Dɔnko abɔ apa ho simma du | Dɔnkoro abɔ apa ho simma du | 1:10 |
| 4 | Dɔnko abɔ apa ho simma du-num | Dɔnkoro abɔ apa ho simma du-num | 1:15 |
| 5 | Dɔnko ne fa | Dɔnkoro ne fa | 1:30 |
| 6 | Dɔnko abɔ apa ho simma aduasa-mmiɛnsa | Dɔnkoro abɔ apa ho simma aduasa-abiɛsa | 1:33 |
| 7 | Nnɔnmienu abɔ aka ho simma du-num | Nnɔnabien abɔ aka ho simma du-num | 1:45 |
| 8 | ɔdasuo mmienu dɔnko | ɔdasu abien dɔnkoro | One o’clock in the later night (1:00 AM) |
| 9 | ɔdasuo mmiɛnsa dɔnko apa ho simma du | Anɔpa dɔnkoro apa ho simma du | 1:10 AM |
| 10 | Anɔpa nnɔnmienu ne fa | Anɔpa nnɔnabien ne fa | 2:30 AM |
| 11 | Anɔpa nnɔnmiɛnsa | Anɔpa nnɔnmiɛnsa | 3:00 AM |