Communiversity

Afrikan Language Institute => Akan (Twi) Language Resources => Topic started by: KobieSmith on May 01, 2017, 09:55 PM

Title: Obra Song - Twi and English Translation-gctid231529
Post by: KobieSmith on May 01, 2017, 09:55 PM
https://www.youtube.com/watch?v=4KCEXJxu_-s (https://www.youtube.com/watch?v=4KCEXJxu_-s)

CHORUS

Ɔbraa aaaa ɔbra
Ɔbraa, ɛne wo ara oo
Ɔbraa aaa ɔbra
Ɔbraa, ɛne wo ara oo

Ɔbra yi
Onipa ne ɔbra yi
Yɛbɔ no sɛɛ
Akokɔ rehwehwɛ baabi atoɔ no oo
Agye sɛ ɔno ara oo, aa ɔno ara oo
Aaa ɔbraa
Ɛne wo ara oo

Meyɛ abɔfra no a
Yɛtɔ ma medie no
Na me ho repere me sɛ
Mɛyɛ panin ntɛm oo
Na me ara madi me ho so oo
Madi me ho so wɔ abrabɔ yi mu
Sɛɛ na paninyɛ wɔ hɔ yi
Ɛyɛ adeɛ bi a ɛyɛ ya sɛ
Aa ɔbra yi
Onipa ne ɔbra yi
Aaa ɔbraa, ɛne wo ara oo

CHORUS
Ɔbraa aaaa ɔbra [ɔbra a yɛrebɔ yi
Ɔbraa, ɛne wo ara oo
Ɔbraa aaa ɔbra
Ɔbraa, ɛne wo ara oo

Ɛnnɛ deɛ mayɛ panin oo
Maware, meyi akɔnhoma sika
M’abrabɔ yi
Sɛɛ na ɛnna fam oo
Adeɛ akye anɔpa oo
Me ho mfa me
Nanso mankɔ adwuma nso a
Ɔkyena ɛdeɛn na mɛdie?
Aa ɔbra yi
Onipa ne ɔbra yi
Aaa ɔbraa, ɛne wo ara oo

CHORUS

Ɔbraa aaaa ɔbra [yiee!]
Ɔbraa [me nua ee], ɛne wo ara oo
Ɔbraa aaa ɔbra [Ɔsɛe Kofi ee]
Ɔbraa, ɛne wo ara oo

Ɛnyɛ bere nyinaa
Ɛna akokɔ baatan wɔ hɔ yi
Sɛ ɔhwete pɛ aduane a ɔfrɛ ne mma
Nti anomaa kɔkɔsakyi sɛɛ
Ɔse ɔnnan obiara
Ɛfiri sɛ obi boa wo abrabɔ yi mu a
Ɔkyena na nkekaa
Akyire nso sopaa
Nkaeɛ ne mpoatwa ho ara nti
Anomaa kɔkɔsakyi sɛɛ
Ɔdidi sumina so oo
Aboa no mpo oo na wahunu aka yi
Na me ne ɔdasani
Nti yi w’ani firi obi so oo
Aaa ɔbra, o ɛne wo ara oo

Abusua deɛ wowɔ bi da mu oo
Nso wo deɛ nya asɛm hwɛ
Hwan na ɔbɛdi w’anim
Ɔne wo akɔ ka asɛm yi?
Nti yi w’ani firi obi so oo
Na ɔbra ne nea wo ara wabɔ oo
Kofi Danso ee, ɔbraa, o ɛne wo ara oo

CHORUS
Ɔbraa aaaa ɔbra [ɔbra a yɛrebɔ ee]
Ɔbraa [me nua ee], ɛne wo ara oo [Akwasi Dɔnkɔ ee]
Ɔbraa aaa ɔbra
Ɔbraaaaaaa, ɛne wo ara ooooooooo

CHORUS
Life, life
Life, it’s all you [all up to you yourself]
Life, life
Life, it’s all you [all up to you yourself]

This life
Man [human being] and this life
We live it like
A fowl looking for a place to lay its eggs
It’s all up to her [the fowl], all herself
Life
It’s all you

When I was a child
That I was being fed by others
I was in a hurry to
Become an adult quickly
So I would assume self-responsibility
Assume self-responsibility in this life
Not knowing being an adult
Is something that’s so difficult [“ya” literally is “painful”]
This life
Man and this life
Life, it’s all you

CHORUS
Life, life [this life we’re living]
Life, it’s all you
Life, life
Life, it’s all you

Today I’m all grown
I’m married, I give chopmoney [click on chopmoney to find its definition]
This my life
Not knowing it’s not easy at all
It’s daybreak in the morning
I’m not feeling well
But if I don’t go to work
Tomorrow what would I eat?
Aa this life
Man and this life
Aaa life, it’s all you

CHORUS
Life, life [yiee!]
Life [my brother/sister], it’s all you
Life, life [Ɔsei Kofi ee]
Life, it’s all you

It’s not every time
That the mother hen as you know her
When she scatters the ground for food
She calls its offspring [chicks]
So the bird vulture says
It says it won’t rely on anyone
Because if someone helps you in this life
Tomorrow it’ll turn into series of reminders
And much later insults
It’s because of these reminders and insults
That the bird vulture says
It eats on the garbage [from trash]
Even the animal has taken note and said this
How much so me, a human being
So take your eyes off someone
Aaa life, it’s all you

As for family you have one you’re in [you belong to]
But you get an issue [face trouble] and see
Who will lead you
Go with you to address the issue?
So take your eyes off someone
For life is that which you’ve lived [strived] on your own.
Kofi Danso ee, life, oh it’s all you

CHORUS
Life, life [this life we’re living]
Life, it’s all you [Akwasi Donkor ee]
Life, life
Life, it’s all you