QuoteMepɛ dwom yi papapapapa nanso ɛyɛ me yaw. Mmerɛ a, metie dwom wei, medwene m'adamfoɔ dada a me ne no kɔɔ suapɔn kabɔm. Da bi, ɔtwa m'anim ɛnna ɛyɛ me nwanwa pa ara. Ɔɔmo sɛ tiri nni safoa.
Ɛtuɔhene
Quote-kɔɔ suapɔn boom'
ɔtwaa
Ɔɔmo se
Mo ne adwuma. Aane, yɛn nyinaa yɛahu adamfoɔ bɛtekaw saa pɛn.
Dwom yi kae me asɛm a Akora Hwɛwodeɛso kaeɛ wɔ Brako ayɛsɛm no mu:
"Anka me werɛ reyɛ afi asɛm biako. Worekɔ yi, ɛnyɛ dɛn ara
a, wubenya nnamfo baanu sɛ baasa bi. Mma wo werɛ mmfi da sɛ
ayɔnkofa nti na ɔkɔtɔ annya ti na adamfofa nso nti na ɔtwe nyaa
n'awiawu. Adamfo bi tumi yɛ adamfo bɛtekaw. Kae sɛ, aboa bi
reka wo, na ofiri wo ntama mu. Ɔdokum nyɛ ade pa. Enti ɛyɛ a,
kari nea wo ne no nam hwe sɛ ɔremfa wo nkɔ amane mu ana. Hwɛ
na wo ne ɔmaanefo annantew. Anyɛ saa a, bere biara na w'anuonyam
da gua so. Bio, hwɛ na woanyɛ asoɔden. Kae sɛ, Gyaesaayɛ
annyae saa yɛ a, Gyaemaɛnka nnyae mma enka."
Mo ne adwuma, me nua Ɛtuɔhene,
Attached files Bisa Kdei - MadamfoO Dwom-nsiesie.docx (https://www.abibitumi.com/wp-content/uploads/ppMigration/102740=7638-Bisa%20Kdei%20-%20MadamfoO%20Dwom-nsiesie.docx) (20.5 KB) Bisa Kdei - MadamfoO Dwom.docx (https://www.abibitumi.com/wp-content/uploads/ppMigration/102740=7637-Bisa%20Kdei%20-%20MadamfoO%20Dwom.docx) (18.6 KB)