Sponsored Community Message Browse Free. Go deeper with Full Access. Free visitors can browse public knowledge. Full Access unlocks participation, member areas, and an ad-free experience.

Bisa Kdei -- M'adamfoɔ Dwom-gctid102661

Started by KobieSmith, Jan 07, 2014, 04:35 PM

Previous topic - Next topic
Ɔkyeame Kwame,

http://www.youtube.com/watch?v=xwSwmCvovEo

Mepɛ dwom yi papapapapa nanso ɛyɛ me yaw. Mmerɛ a, metie dwom wei, medwene m'adamfoɔ dada a me ne no kɔɔ suapɔn kabɔm. Da bi, ɔtwa m'anim ɛnna ɛyɛ me nwanwa pa ara. Ɔɔmo sɛ tiri nni safoa.

Ɛtuɔhene
                            Attached files  Bisa Kdei - MadamfoO Dwom.docx (17.4 KB)

QuoteMepɛ dwom yi papapapapa nanso ɛyɛ me yaw. Mmerɛ a, metie dwom wei,  medwene m'adamfoɔ dada a me ne no kɔɔ suapɔn kabɔm. Da bi, ɔtwa m'anim  ɛnna ɛyɛ me nwanwa pa ara. Ɔɔmo sɛ tiri nni safoa.

Ɛtuɔhene
Quote-kɔɔ suapɔn boom'
ɔtwaa
Ɔɔmo se
Mo ne adwuma. Aane, yɛn nyinaa yɛahu adamfoɔ bɛtekaw saa pɛn.
Dwom yi kae me asɛm a Akora Hwɛwodeɛso kaeɛ wɔ Brako ayɛsɛm no mu:

"Anka me werɛ reyɛ afi asɛm biako. Worekɔ yi, ɛnyɛ dɛn ara
a, wubenya nnamfo baanu sɛ baasa bi. Mma wo werɛ mmfi da sɛ
ayɔnkofa nti na ɔkɔtɔ annya ti na adamfofa nso nti na ɔtwe nyaa
n'awiawu. Adamfo bi tumi yɛ adamfo bɛtekaw. Kae sɛ, aboa bi
reka wo, na ofiri wo ntama mu. Ɔdokum nyɛ ade pa. Enti ɛyɛ a,
kari nea wo ne no nam hwe sɛ ɔremfa wo nkɔ amane mu ana. Hwɛ
na wo ne ɔmaanefo annantew. Anyɛ saa a, bere biara na w'anuonyam
da gua so. Bio, hwɛ na woanyɛ asoɔden. Kae sɛ, Gyaesaayɛ
annyae saa yɛ a, Gyaemaɛnka nnyae mma enka."

Mo ne adwuma, me nua Ɛtuɔhene,
                            Attached files  Bisa Kdei - MadamfoO Dwom-nsiesie.docx (20.5 KB)   Bisa Kdei - MadamfoO Dwom.docx (18.6 KB)
__________

Ọbádélé Kambon, PhD
Nana Kwame Pɛbi Date I, Ban mu Kyidɔmhene, Akuapem Mampɔn
Senior Research Fellow & Research Coordinator - Language, Literature and Drama Section
Institute of Kmtyw Studies - College of Humanities
Editor-in-Chief - Ghana Journal of Linguistics
Secretary (2015-2020) - Kmtyw Studies Association of Kmt
+233249195150 / +19192836824 | me@obadelekambon.com
www.obadelekambon.com | www.abibitumi.com
Room 115 IAS Kwame Nkrumah Complex
University of Ghana - Legon
Alternate Email: obkambon@staff.ug.edu.gh



Ọbádélé Kambon App



Abibitumi.com App